Isaiah 15

Nkɔmhyɛ A Etia Moab

1Adehu a ɛfa Moab ho: Wɔasɛe Ar a ɛwɔ Moab
Da koro anadwo bi,
wɔasɛe Kir a ɛwɔ Moab
da koro anadwo bi!
Ar ne Kir yɛ Moabfo nkurow atitiriw abien.


2 Dibon foro kɔ nʼasɔredan mu,
ɔkɔ ne sorɔnsorɔmmea kosu;
Moab twa adwo wɔ Nebo ne Medeba ho.
Wɔayi eti biara so nwi
na abogyesɛ biara nso wɔatwitwa.

3 Wofurafura atweaatam wɔ mmɔnten so;
wɔ adan atifi ne ɔman ahyiae
wɔn nyinaa retwa adwo,
wɔdeda fam na wosu.

4 Hesbon ne Eleale teɛ mu su,
wɔte wɔn nne kodu Yahas nohɔ.
Enti Moab mmarima akofo teɛ mu su,
na wɔbotobotow.


5 Midi Moab ho awerɛhow wɔ me koma mu;
nʼaguanfo guan kodu Soar,
ne Eglat Selisiya.
Wɔforo kɔ Luhit,
wɔrekɔ nyinaa na wɔresu;
Horonaim kwan so nso
wodi wɔn sɛe ho awerɛhow.

6 Nimrim nsuwansuwa ayoyow
na sare no ahyew
afifide nyinaa ayera
na ɛnkaa wura biara a ɛyɛ amono.

7 Enti ahonyade a wɔapɛ agu hɔ no
wɔsoa de kotwa mpampuro bon.

8 Wɔn nkekawmu gyigye wɔ Moab ahye so;
wɔn agyaadwotwa kodu Eglaim
na wɔn abubuwbɔ kodu Beer Elim.

9 Dimon nsu ayɛ mogya nko ara
nanso mɛkɔ so ne no adi
gyata bɛba Moab aguanfo so
ne wɔn a wɔbɛka asase no so no so.

Copyright information for TwiAKNA